Yen Ara Asaase Ni

From Wikisource
Jump to navigation Jump to search

Yen Ara Asaase Ni

Yɛn ara asaase ni;
Ɛyɛ abɔ den den de ma yεn,
Mogya a nananom hwie gu
Nya de to hɔ ma yɛn,
Aduru me ne wo nso so,
Sε yɛbɛyɛ bi atoa so. Nimdeɛ ntraso, nkoto-kranne;
Ne pɛsɛmenkomenya,

Adi yɛn bra mu dεm, ama yɛn asaase hɔ dɔ atomu sɛ.

(Chorus 2x):
Ɔman no, sɛ ɛbɛyɛ yie o
Ɔman no, sɛ ɛrenyɛ yie o;
Ɛyɛ nsɛnnahɔ sɛ, Ɔmanfo bra na ɛkyerɛ.

Ɔman no, sɛ ɛbɛ yɛ yie o!
Ɔman no, sɛ ɛrenyɛ yie o!;

Ɛyɛ nsɛ nahɔ sɛ, Ɔmanfo mmra na yɛnnkyerɛ.

Nhoma nimdeɛ huhugyan, ngyan ana ade anyara kwa;
Ne ɔbrakyew de ɛsɛe, ɔman na ɛbɔ no ahohora;
Asoɔmerɛ ne obupa yɔnko yiyɛ di pɛ daa,
Ahofama ntetekwaam ma nnipa biara yiyɛ de;
Ɛno mmom na ɛde asomdwee ne nkɔsoɔ pa brɛ ɔman.

Ɔman no, sɛ ɛbɛyɛ yie o!
Ɔman no, sɛ ɛrenyɛ yie o!;

Ɛyɛ nsɛnnahɔ sɛ, Ɔmanfo bra na ɛkyerɛ.